Asante Mantam
From Wikipedia, the free encyclopedia
Asante Mantam wɔ Ghana atɔe fam, na eno ne Mantam etɔ so miensa a eso paa wɔ mantam 16 no mu. Ne tɛtrɛtɛ yɛ 24,389 km (9,417 sq mi) wɔ Ghana nsase mu. Sɛ ɛba nnipa dodoɔ a ɛwɔ mantam ahorɔw no mu a, Asante Mantam na edikan. Nmipa akekan a ɛkɔɔ so wɔ afe 2010 no mu kyerɛ sɛ nnipa dodoɔ 4,780,380 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyenkyem 19.4 na ɛwɔ Asante mantam no mu. Wonim Asante Mantam no sɛ ɛyɛ beae a sika kɔkɔɔ ne kookoo wɔ paa. Asante mantam ahenkurow ne Kumasi.
- Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Asante Mantam wɔ Abibiman so wɔ Asaase so.
Asante ne din ahodo bi ne: Esuante. Afe 1695 beremu na Asantehene Nana Ɔsɛe Tutu tintimm no. Bere wɔ ha yɛ 0 nnɔnhwere firi Greenwich bere ho. Ɔda tentenedo 0.15Anee kɔpem 2.25Anee na tɛtɛredo 5.50Etifi kɔpem 7.46Etifi.
Atitirifo Otumfoo Ɔsɛe Tutu, ne John Kofi Agyekum Kufuor firi saa bea yi. Adaekɛse na Odwira ka afahyɛ na dwumadi ɛkɔ so wɔ Asanteman mu. Akanfo, Nkramofo na Akristofo ka nkorɔfo a wɔfi borɔn yi do.